Psalms 16

Dawid mpaebɔ.


1 Bɔ me ho ban, me Nyankopɔn,
na wo mu na minya guankɔbea.


2 Meka kyerɛɛ Awurade se,
“MʼAwurade ne wo;
minni ade pa biara ka wo ho.”

3 Ahotefo a wɔwɔ asase no so de,
wɔne anuonyamfo a
mʼanigye wɔ wɔn mu.

4 Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no,
wɔn awerɛhow bɛdɔɔso.
Merengu mogya nsa mma saa anyame no
na meremfa mʼano mmɔ wɔn din.


5 Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me;
woama me kyɛfa anya bammɔ.

6 Mʼahye akɔdeda mmeae a eye ama me;
ampa ara mewɔ agyapade a ho yɛ anigye.

7 Mɛkamfo Awurade a otu me fo;
na anadwo mpo, me koma kyerɛkyerɛ me.

8 Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.
Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da.


9 Ɛno nti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurusi;
me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu,

10 efisɛ, worennyaw me awufo mu.
Na woremma wo Kronkronni no mporɔw.

11 Woakyerɛ me nkwagye kwan,
na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim,
na anigye a ɛrensa da wɔ wo nifa so.
Copyright information for TwiAKNA